Yesaia 56 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Afoforo Nkwagye

1Sɛɛ na Awurade se:

“Monkɔ so mmu atɛntrenee

na monyɛ nea eye,

efisɛ me nkwagye abɛn

na ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi.

2Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi,

onipa a okura mu dennen,

nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,

na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho.”

3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka se,

“Ampa ara Awurade renkan me mfra ne nkurɔfo mu.”

Na piamni biara nso nwiinwii sɛ,

“Meyɛ duwui.”

4Sɛɛ na Awurade se,

“Piamfo a wɔkae me homenna,

wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼani

na wokura mʼapam mu dennen,

5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ho afasu no

nkae ade ne din a,

ɛkyɛn mmabarima ne mmabea;

mɛma wɔn din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ

din a ɛrentwa mu.

6Na ananafo a wɔde wɔn ho bata Awurade ho

sɛ wɔbɛsom no,

sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,

na wɔasɔre no,

wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa

na wokura mʼapam mu dennen,

7eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so

na mama wɔn anigye wɔ me mpaebɔfi.

Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow no

megye wɔ mʼafɔremuka so;

na wɔbɛfrɛ me fi

aman nyinaa mpaebɔfi.”

8Otumfo Awurade,

nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se:

“Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho

aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.”

Onyankopɔn Sobo A Etia Amumɔyɛfo

9Mommra, mo wuram mmoadoma nyinaa,

mummedidi, mo kwae mu mmoa nyinaa!

10Israel awɛmfo yɛ anifuraefo,

wɔn mu biara nni nimdeɛ;

wɔn nyinaa yɛ akraman mum,

wontumi mmobɔ mu;

wɔdeda hɔ na wɔsoso dae,

nna yɛ wɔn dɛ.

11Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye;

wonnidi mmee da.

Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease;

wɔn nyinaa fa wɔn kwan,

obiara pɛ nʼankasa mfaso.

12“Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa!

Momma yɛnnom bobesa mmow!

Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ,

ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help