Malaki Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuOdiyifo Malaki yɛɛ adwuma wɔ Yerusalem bere a na wɔasi asɔredan no awie. Malaki Nhoma no yɛ animka ma Israelman wɔ wɔn bɔne bebrebe ho. Ɛka asɔfo ne ɔman mu no nyinaa bɔne a wɔyɛ ho asɛm: ebi ne sɛ wotwiri Onyankopɔn, wɔbɔ afɔre a ɛho ntew, wobu Onyankopɔn mmara so, wɔmmfa aboade mmrɛ Onyankopɔn, wɔyɛ asoɔden ne ahantan na wɔma afoforo nso yɛ bɔne.Nhoma no tu ɔman no fo se wonnyae anihaw, ne bɔne a aba wɔn mu no, na wɔnyɛ wɔn gyidi ne Awurade apam no yiye.Nhoma yi ka anidaso a ɛnam Odiyifo Elia so bɛba wɔn a wonu wɔn ho na wogye di nso so no ho asɛm.Emu NsɛmAsɔfo abɔnefo (1.1–2.9)Nnipabɔnefo (2.10–3.15)Nokwafo kakraa no (3.16–4.6)