1Hena na wagye yɛn asɛm no adi?
na Awurade abasa no, hena so na ada adi?
2Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi,
te sɛ ntin a efi asase wosee mu.
Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.
Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.
3Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,
Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw.
Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no
wobuu no animtiaa na yɛammu no.
4Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ,
na ɔsoaa yɛn awerɛhow,
nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.
Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.
5Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,
yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;
asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
6Yɛn nyinaa ayerayera te sɛ nguan,
yɛn mu biara afa ne kwan;
na Awurade de yɛn nyinaa
amumɔyɛ ato no so.
7Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade,
nanso wammue nʼano;
wɔde no kɔɔ te sɛ oguamma a wɔrekokum no.
Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no,
saa ara na wammue nʼano.
8Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe.
Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm?
Efisɛ woyii no fii asase yi so;
me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.
9Wɔyɛɛ ne da wɔ abɔnefo mu,
na ne wu mu wɔde no too adefo mu
ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara,
na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.
10Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane
mpo ɔde ne nkwa yɛ afɔdi afɔrebɔde,
obehu nʼasefo na ne nna bɛware,
na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.
11Ne kra amanehunu akyi,
obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam;
na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem,
na wasoa wɔn amumɔyɛ.
12Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu,
na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade
efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu,
na wɔkan no fraa mmaratofo.
Ɔsoaa nnipa bebree bɔne,
na odi maa mmaratofo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
