Mateo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuNa Mateo yɛ ɔtowgyeni. Saa bere no mu na towgyefo tua sika bi a wɔatwa ama wɔn sɛ wontua mma Roma Aban, na wɔnam so anya tumi agye tow afi nnipa a wɔwɔ wɔn mansin mu no nkyɛn. Towgyefo no mu bebree bɔɔ wɔn nkurɔfo apoo nam so yɛɛ adefo. Esiane sɛ na saa towgyefo yi gye tow fi Yudafo nkyɛn de kɔma Roma Aban a na wobu no sɛ abosonsom aban no nti, na wobu wɔn sɛ nnebɔneyɛfo. Ɛno nti na nnipa bebree mpɛ towgyefo no asɛm. Nanso Yesu frɛɛ saa towgyefo yi mu baako a wɔfrɛ no Mateo no sɛ osuani. Bere a Mateo baa Yesu nkyɛn no nʼabrabɔ sakrae koraa. Ogyaw nʼahode nyinaa hɔ bedii Yesu akyi. Mateo si so dua wɔ saa nhoma yi mu se Yesu yɛ Agyenkwa a tete adiyifo no ahyɛ ne ho nkɔm no.Emu NsɛmYesu awo ne ne mmofraase (1.1–2.23)Yesu fi nʼasɛnka ase (3.1–4.25)Bepɔw so asɛnka (5.1–7.29)Yesu sa nnipa ahorow yare (8.1–9.34)Yesu soma asuafo dumien no (9.35–10.42)Yesu kyerɛ onipa ko a ɔyɛ (11.1–12.50)Onyankopɔn Ahenni ho mmebu (13.1-52)Wɔpo Yesu na wotwa Yohane ti (13.53–14.12)Yesu fi Herode asase so (14.13–17.27)Yesu kyerɛkyerɛ fa ahobrɛase ne bɔnefakyɛ ho (18.1-35)Yesu kɔ Yerusalem (19.1–20.34)Yesu Homeda a odi twaa to wɔ Yerusalem (21.1–28.10)Owusɔre akyi (28.11-20)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help