Hesekiel Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuOdiyifo Hesekiel ka nnommum a wɔde wɔn kɔɔ Babilonia no ho. Onyankopɔn hyɛɛ no se ɔnka Israel nnommum no anim wɔ wɔn bɔne bebrebe, wɔn komaden ne tia a wɔsɔre tia nʼasɛm no ho. Ɔyɛ odiyifo a ɔkaa asɛmpa wɔ mmɔnten so mfirihyia 22. Ɔfaa anisoadehu so kyerɛɛ nʼadwene, na ɔnam nsɛnkyerɛnne ahorow so kaa nʼasɛm.Hesekiel Nhoma no mu nkɔmhyɛ gu ahorow anan: (1) Israelfo nnommumfa ne Yerusalem sɛe. (2) Atemmu a ɛwɔ hɔ ma aman afoforo a wɔfoaa Israelman nnebɔneyɛfo ne tia a wotiaa Onyankopɔn asɛm no so. (3) Nna a edi akyiri ne agyenkwa no ba. (4) Gye a wobegye ɔman no ne hyiadan no asi wɔn dedaw mu wɔ agyenkwa no daa ahenni wɔ Israelman mu.Hesekiel Nhoma no twe ɔman no adwene si Onyankopɔn atemmu ne ne nkwagye so. Amanfo no afotusɛm no ne sɛ wɔnsakra na wɔnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Nhoma no ka Onyankopɔn nokwaredi ne nhyira a daakye ɔde bɛma ne nkurɔfo ho asɛm.Emu NsɛmƆsɛe Ho Asɛnka (1.1–24.27)Asɛnka a etia aman afoforo (25.1–32.32)Anidaso ho asɛnka (33.1–48.35)