Habakuk Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuHabakuk Nhoma yi yɛ odiyifo no abooboodi ne Onyankopɔn mmuae. Habakuk huu atuatew, atirimɔden ne bɔne ahorow a atwa ne ho ahyia. Eyi haw no ma obisaa Awurade nea enti a ɔntwe nnebɔneyɛfo aso wɔ bere a bɔne adɔɔso, na nnebɔneyɛfo di yiye wɔ asetena mu. Onyankopɔn mmuae ne sɛ, ɛnyɛ dɛn ara a nnebɔneyɛfo benya asotwe na treneeyɛ nso ada adi.Nhoma no awiei yɛ anigye mpaebɔ a efi te a odiyifo no ate Onyankopɔn tumi ne ne dɔ ase yiye no.Emu NsɛmHabakuk akyinnyegye (1.1–2.20)Habakuk mpaebɔ (3.1-19)