1Efraim de mframa ayɛ aduan;
odi apuei mframa akyi daa
na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree.
Ɔne Asiria yɛ apam
na ɔde ngo kɔ Misraim.
2 Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda;
ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho
na watua no ne nneyɛe so ka.
3Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin;
onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.
4Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim;
ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom.
Ohuu no wɔ Bet-El
ne no kasaa wɔ hɔ.
5Asafo Awurade Nyankopɔn,
Awurade ne ne din a ahyeta!
6Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn.
Tena ɔdɔ ne trenee mu,
na twɛn wo Nyankopɔn daa.
7Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma;
nʼani gye asisi ho.
8Efraim hoahoa ne ho sɛ,
“Meyɛ ɔdefo; manya me ho.
Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu
amumɔyɛ biara wɔ me ho.”
9“Mene Awurade wo Nyankopɔn,
a miyii wo fii Misraim.
Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio
sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.
10Mekasa kyerɛɛ adiyifo,
memaa wɔn anisoadehu bebree
na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”
11Gilead yɛ otirimɔdenfo ana?
Emu nnipa no yɛ ahuhufo!
Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana?
Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo
a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.
12Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so;
Israel som de nyaa ɔyere,
ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.
13 Awurade nam odiyifo so
yii Israel fii Misraim,
ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.
14Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw;
nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so
na obetua nʼanimtiaabu no so ka.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
