Yesaia 42 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Awurade

Somfo No

1“Me somfo a mahyɛ no den ni,

nea mayi no na ɔsɔ mʼani;

mede me Honhom begu no so

na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no.

2Ɔrenteɛ mu anaa ɔremma ne nne so.

Ɔremma ne nne so wɔ mmɔnten so.

3Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu.

Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum.

Nokware mu na ɔbɛda trenee adi;

4ɔrenhinhim na ɔrempa abaw

kosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so.

Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.”

5Sɛɛ na Onyankopɔn, Awurade no se,

nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu,

nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa,

nea ɔma wɔn a wɔte so home,

na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa:

6“Me, Awurade, mafrɛ wo trenee mu;

meso wo nsa.

Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ

apam ama nkurɔfo no

ne kanea ama amanamanmufo,

7na woabue ani a afura,

na woayi nneduafo afi afiase

na woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no.

8“Mene Awurade; me din ne no!

Meremfa mʼanuonyam mma obi

anaa mʼayeyi mma ahoni.

9Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi,

na nneɛma foforo no mepae mu ka;

ansa na ɛbɛba mu no,

meka kyerɛ mo.”

Awurade

Ayeyi Dwom

10Monto dwom foforo mma Awurade!

Nʼayeyi mfi asase ano,

mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa,

mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa.

11Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so;

ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho.

Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani;

ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi!

12Ma wɔnhyɛ Awurade anuonyam;

na wɔmpae mu nka nʼayeyi no wɔ asupɔw no so.

13 Awurade bepue aba sɛ ɔkatakyi,

te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;

ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyan

na obedi nʼatamfo so nkonim.

14“Mayɛ komm akyɛ,

mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.

Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no,

meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so.

15Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko no

na mahyew so afifide nyinaa.

Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw,

na mama atare ayoyow.

16Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so,

akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.

Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,

na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom.

Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ;

merennyaw wɔn mu.

17Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,

na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,

wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.”

Israel, Onifuraefo Ne Ɔsotifo

18“Tie, wo ɔsotifo;

hwɛ, wo onifuraefo na hu!

19Hena ne onifuraefo sɛ me somfo,

na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no?

Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu,

nʼani afura sɛ Awurade somfo?

20Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho;

Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.”

21Ɛsɔɔ Awurade ani,

ne trenee nti

sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛse na anya anuonyam.

22Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi,

wɔn nyinaa aka amoa mu

anaa wɔde wɔn asie wɔ afiase.

Wɔayɛ wɔn asade

na wonni obi a obegye wɔn;

wɔayɛ wɔn akorɔnne

na wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.”

23Mo mu hena na obetie eyi

anaa nʼani beku ho yiye akyiri yi?

24Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne,

na ɔde Israel maa afowfo?

Ɛnyɛ Awurade a

yɛayɛ bɔne atia no no?

Efisɛ wɔannantew nʼakwan so;

na wɔanni ne mmara so.

25Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so,

akodi mu basabasayɛ.

Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase.

Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help