Nnwom 89 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 89Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom.

1Mɛto Awurade adɔe ho dwom daa daa;

mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu.

2Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa,

na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa.

3Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam;

maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.

4‘Mɛma wʼase atim hɔ daa

na wʼahengua nso atim wɔ awo ntoantoaso nyinaa mu.’ ”

5 Awurade, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade,

na wo nokwaredi nso, wɔkamfo wɔ ahotefo asafo mu.

6Na hena na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?

Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔde mu?

7Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn;

wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn wɔ akronkronfo nhyiamu ase.

8Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?

Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.

9Wudi po a ɛworo no so;

nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase.

10Wodwerɛw Rahab sɛ atɔfo no mu baako;

wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee.

11Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;

wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase.

12Wobɔɔ atifi ne anafo.

Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din.

13Tumi ayɛ wo basa ma;

wo nsam wɔ ahoɔden, woama wo nsa nifa so.

14Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee;

adɔe ne nokwaredi di wʼanim.

15Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin,

wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, Awurade.

16Wogye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;

wodi ahurusi wɔ wo trenee mu.

17Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden,

na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.

18Ampa ara, yɛn kyɛm wɔ Awurade,

na yɛn hene wɔ Israel Kronkronni no.

19Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu,

kyerɛɛ wʼahotefo se,

“Madom ɔkofo bi ahoɔden;

mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.

20Mahu Dawid, me somfo;

mede me ngo kronkron no asra no.

21Me nsa bɛwowaw no;

ampa ara me basa bɛhyɛ no den.

22Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow;

omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.

23Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanim

na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.

24Me nokware adɔe bɛka ne ho,

na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

25Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so,

na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.

26Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya,

me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’

27Mɛyɛ no mʼabakan,

asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.

28Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa,

na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.

29Mɛma nʼase atim afebɔɔ,

nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu.

30“Sɛ ne mmabarima po me mmara

na sɛ wɔanni mʼahyɛde so,

31sɛ wobu mʼahyɛde so

na sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a,

32ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho

na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;

33Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no no

na mɛkɔ so adi no nokware.

34Meremmu mʼapam no so

na merensesa nea mede mʼano aka no.

35Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,

na merentwa Dawid atoro da,

36meremma nʼase ntɔre da

na nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia;

37ebetim hɔ daa te sɛ ɔsram,

ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no.”

38Nanso woapo no, woapa nʼakyi,

wo bo afuw nea woasra no ngo no.

39Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no,

woagu nʼahenkyɛw ho fi wɔ mfutuma mu.

40Woabubu nʼafasu nyinaa

ama nʼabandennen adan nnwiriwii.

41Wɔn a wotwa mu wɔ hɔ nyinaa fow no fa;

na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo.

42Woama nʼatamfo nsa nifa so;

ama wɔn nyinaa di ahurusi.

43Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa,

na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.

44Wode nʼanuonyam aba awiei

na woatow nʼahengua akyene fam.

45Woatwa ne mmerantebere nna so

na wode animguase nguguso akata no so.

46 Awurade, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw?

Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn?

47Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so.

Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ ade a etwa mu ntɛm so!

48Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?

Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam?

49Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no wɔ,

nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?

50Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛw

ne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ,

51 Awurade, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛw

de adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw.

52Ayeyi nka Awurade daa!

Amen, Amen.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help