Nnwom 56 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 56Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no.

1Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so;

da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.

2Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;

wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.

3Sɛ mebɔ hu a,

mede me ho bɛto wo so.

4Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.

Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?

5Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne;

bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.

6Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw,

wɔhwɛ mʼanammɔntu,

susuw sɛ wobekum me.

7Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni;

Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.

8Kyerɛw me kwadwom to hɔ;

sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu.

Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?

9Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a,

mʼatamfo bɛsan wɔn akyi.

Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.

10Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

Awurade a mekamfo nʼasɛm no,

11mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.

Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?

12Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase,

mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.

13Efisɛ, woagye me afi owu mu,

na mʼanan anhintiw,

na matumi anantew Onyankopɔn anim

wɔ nkwa hann no mu.

Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help