Nnwom 85 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 85Koramma dwom.

1Wo Awurade, wodom wʼasase;

wode Yakob ahonyade san maa no.

2Wode wo nkurɔfo bɔne kyɛɛ wɔn

na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.

3Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛn

na wodan fii wʼabufuwhyew ho.

4San gye yɛn bio, Onyankopɔn, yɛn Gyefo,

na ma wʼani nnye yɛn ho.

5Wo bo befuw yɛn akosi daa ana?

Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana?

6Worenhyɛ yɛn den bio,

na ama wo nkurɔfo asɛpɛw wɔn ho wɔ wo mu ana?

7 Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no,

na ma yɛn wo nkwagye no.

8Metie nea Awurade Nyankopɔn bɛka;

ɔde asomdwoe hyɛ ne nkurɔfo, ahotefo no bɔ,

enti ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ agyimisɛm ho.

9Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no,

na nʼanuonyam bɛtena yɛn asase so.

10Ɔdɔ ne nokwaredi behyia,

na trenee ne asomdwoe befew wɔn ho wɔn ho ano.

11Nokwaredi bepue afi asase no so,

na trenee ahwɛ afi ɔsoro.

12 Awurade bɛma yɛn nea eye ampa ara

na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.

13Trenee di nʼanim

siesie ɔkwan ma nʼanammɔntu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help