Nehemia Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuNehemia Nhoma no fa ɔhaw bi a ɛhyɛɛ Nehemia awerɛhow ma otuu ho anammɔn.Ɔtee sɛ Yerusalem ɔfasu nyinaa abubu, enti ɔsrɛɛ Ɔhene Artasasta kwan, na ɔpenee so maa no tumi nhoma de kɔɔ Yerusalem.Ɔboaboaa adwumayɛfo no ano akuwakuw de wɔn sisii ɔfasu no ano sɛnea ɛfata kuw biara.Ɛwɔ mu sɛ Sambalat, Tobia ne afoforo ebinom sɔre tiaa wɔn dwumadi no, nanso Nehemia ne adwumayɛfo no de mpaebɔ, nkuranhyɛ ne ɔwɛn dii wɔn atamfo no so (Ti 4). Wogyinaa wɔn anan so de nnafua 52 wiee ɔfasu no to. Nhoma no mu asɛm titirw a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow ne to a Nehemia de ne ho too Onyankopɔn so korakora bɔɔ no mpae daa no.Emu NsɛmWɔsan Si Ɔfasu No (1.1–7.13)Esra kenkan mmara nsɛm hyɛ apam no mu den (8.1–10.39)Nehemia si gyinae ahorow (11.1–13.31)