Nnwom Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuWɔyɛɛ nnwom maa tetefo no sɛnea nnɛ yi nhoma ahorow yɛ ma nnɛmma yi. Nnwomhyehyɛfo ahorow bebree na wɔkyerɛw nnwom ɔha ne aduonum no. Ɔhene Dawid kyerɛw aduɔson abiɛsa; Asafmma kyerɛw dumien; Ɔhene Salomo kyerɛw abien; Efan, Heman ne Mose kyerɛw mmaako mmaako; Koramma kyerɛw mu du. Aduonum a aka no, Dawid ne Salomo kyerɛw mu fa kɛse. Nhwehwɛmu ahorow nso kyerɛ sɛ Esra a ɔboaboa nnwom ahorow yi nyinaa ano no nso kyerɛw mu baako. Nnwom no bi yɛ mpae ne nkamfo; bi kasa fa Onyankopɔn kɛseyɛ ne ne kronkronyɛ ho, na afoforo nso hyɛ Agyenkwa no ho nkɔm. Bi fa ahonu, abakɔsɛm, ogye, bɔhyɛ ne atamfo asotwe ho. Na afoforo kyerɛkyerɛ fa ɔsoro kɛseyɛ, asase kɛseyɛ, po kɛseyɛ, nkekaboa, wura frɔmfrɔm adidibea, mmepɔw ne abon ho. Wɔakyekyɛ nnwom no mu akuwakuw anum.Emu NsɛmƆfa a edi kan (1–41)Ɔfa a ɛto so abien (42–72)Ɔfa a ɛto so abiɛsa (73–89)Ɔfa a ɛto so anan (90–106)Ɔfa a ɛto so anum (107–150)