Yeremia 47 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho

1Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:

2Sɛɛ na Awurade se:

“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;

ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.

Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,

nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.

Nnipa no bɛteɛteɛ mu;

wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo

3bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,

na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye

ne wɔn ntwahonan nnyigyei no.

Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;

wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4Na da no aba

sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa

na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,

wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no.

Awurade rebɛsɛe Filistifo no,

nkae a wofi Kreta mpoano no.

5Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;

wɔbɛma Askelon atɔ mum.

Mo nkae a mowɔ tataw so,

mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?

6“ ‘Aa, Awurade afoa,’

‘da bɛn na wobɛhome?

San kɔhyɛ wo boha mu;

gyae na da komm.’

7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm

bere a Awurade ahyɛ no

bere a wahyɛ no se

ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help