Kolosefo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuNa akyinnyegye ne akasakasa wɔ Kristofo a wɔwɔ Kolose no ntam. Na ebinom bisa se Kristo yɛ Onyankopɔn anaasɛ ɛnte saa. Nea ɛka ho nso ne sɛ na atoro akyerɛkyerɛfo rekyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne. Ɛno nti Kristofo a wɔwɔ Kolose no somaa Epafrodito ma ɔkɔsraa Paulo wɔ afiase hɔ kobisaa nʼadwene wɔ saa nkyerɛkyerɛ bɔne ne nea ɛfa Kristo nyameyɛ no ho. Eyi maa Paulo kyerɛw krataa yi de kɔmaa Kolosefo no kyerɛɛ nʼadwene a ɔwɔ wɔ saa akyerɛkyerɛfo bɔne yi ne wɔn nkyerɛkyerɛ no ho. Obuaa se ɔkwan biara so no, Kristo yɛ Onyankopɔn. Ɔkyerɛɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ma twaka da okunu ne ɔyere ne awofo ne mma ntam.Emu NsɛmNkyia ne nhyɛnmu (1.1-14)Nkyerɛkyerɛ sononko (1.15–2.23)Abrabɔ dedaw ne foforo mfatoho (3.1–4.6)Asɛnka a etwa to (4.7-18)