1Medɔ wo, Awurade, mʼahoɔden.
2 Awurade ne me botantim;
mʼaban ne me gyefo;
me Nyankopɔn yɛ me botan.
Ne mu na minya me hintabea.
Ɔyɛ me nkatabo, me nkwagye abɛn ne mʼabandennen.
3Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,
efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
4Owu nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;
na ɔsɛe asorɔkye bu faa me so.
5Ɔda mu hama kyekyeree me;
mihyiaa owu mfiri.
6Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade.
Misu frɛɛ me Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa.
Ofi nʼasɔrefi hɔ tee me nne;
me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.
7Asase wosowee na ehinhimii,
na mmepɔw fapem wosowee
wosuroe, efisɛ na ne bo afuw.
8Wusiw fii ne hwene mu;
ogyaframa fii nʼanom,
na nnyansramma dɛw fii mu.
9Ofii ɔsoro baa fam;
na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
10Ɔte kerubim so tu kɔɔ soro;
gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
11Ɔde sum kataa ne ho,
osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.
12Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,
na omununkum a mparuwbo ne anyinam wɔ mu fii ne ho hyerɛn mu bae.
13 Awurade bobɔɔ mu fii ɔsoro;
Ɔsorosoroni no nne gyigyee bio.
14Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ atamfo no ahwete,
ɔde anyinam a ano yɛn den pam wɔn.
15Po mu abon ho yiyii
na asase nnyinaso ho daa hɔ,
esiane wʼanimka ne ahomegu a efi wo hwene mu no nti,
Awurade.
16Ofi soro baa fam besoo me mu;
ɔtwee me fii nsu a mu dɔ mu.
17Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam,
wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.
18Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,
nanso Awurade maa me so,
19wode me baa baabi a hɔ trɛw;
ogyee me, efisɛ nʼani sɔɔ me.
20 Awurade ne me adi no sɛnea me trenee te;
wahwɛ me nsa a ho tew so atua me ka.
21Manantew Awurade akwan so.
Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne ɛ.
22Madi ne mmara nyinaa so:
mimmuu nʼahyɛde so.
23Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim,
na matwe me ho afi bɔne ho.
24 Awurade agyina me treneeyɛ
ne me nsa a ho tew wɔ nʼanim no so atua me ka.
25Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,
wɔn a wodi mu nso wokyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
26Woyɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron,
na amumɔyɛfo de, wukyi wɔn.
27Wugye ahobrɛasefo nkwa,
na wobrɛ ahantanfo ase.
28 Awurade, woma me kanea hyerɛn.
Yiw, woma me sum dan hann.
29Wʼahoɔden a wode ma me nti, mitumi ka asraafo gu;
me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
30Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ;
Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.
Ɔyɛ nkatabo
ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
31Na hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?
Hena na ɔyɛ Ɔbotan no? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn no.
32Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,
na ɔma me kwan yɛ pɛ.
33Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de.
Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
34Osiesie me ma ɔko,
na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
35Wode wo ogye boa me nkatabo,
na wo nsa nifa ma me gyina.
Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ ɔkɛse.
36Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan
sɛnea me nkotodwe rengurow.
37Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn;
mansan mʼakyi kosii sɛ mesɛee wɔn.
38Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre,
wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
39Wode akodi ahoɔden maa me;
womaa mʼatamfo bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.
40Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee,
na mesɛe wɔn a wɔtan me.
41Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn,
wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.
42Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu;
mihwiee wɔn guu sɛ mmɔnten so dontori.
43Woagye me afi nnipa no ɔfow mu,
woayɛ me amanaman no ti;
nnipa a minnim wɔn abɛyɛ mʼasomfo.
44Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ osetie ma me;
ananafo kotow mʼanim.
45Wɔn nyinaa botobotow;
wofi wɔn abandennen mu ba ahopopo so.
46 Awurade te ase! Ayeyi nka me Botan!
Wɔmma Onyankopɔn, me Gyefo no din so!
47Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ were ma me,
ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,
48ɔno na ogye me fi mʼatamfo nsam.
Wopagyaw me sii mʼatamfo so,
wugyee me fii basabasayɛfo nsam.
49Ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.
Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
50Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;
woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo,
wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.