1Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no fi Onyankopɔn.
2Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so.
3Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo, na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ sɛ woyɛ obi a onsuro nea tumi wɔ ne nsam ana? Ɛno de, yɛ nea ɛteɛ na ɔbɛkamfo wo.
4Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no efisɛ ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso.
5Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane nim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti.
6Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn.
7Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.
Asɛde8Nne obiara ka. Ka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so.
9Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma wʼani mmere ade,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
10Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.
11Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ wunim dɔn ko a yɛwɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no.
12Adesae retwa mu, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no yɛ, na momfa akode a wɔde ko wɔ hann mu no.
13Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu.
14Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntama a mufura, na morempɛ sɛ mobɛyɛ nea ɔhonam pɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
