Nnwom 20 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 20Dawid dwom.

1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;

Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.

2Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo,

na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.

3Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa,

na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.

4Ɔmma wo nea wo koma pɛ,

na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.

5Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim,

na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu.

Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.

6Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi,

ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so,

ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.

7Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so

na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so,

nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.

8Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,

na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.

9 Awurade, ma ɔhene nkonimdi!

Yɛfrɛ a, gye yɛn so!

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help