Malaki 4 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Awurade

Da

1“Ampa ara, da no reba; ɛbɛdɛw te sɛ fononoo. Ahomasofo ne nnebɔneyɛfo nyinaa bɛyɛ nwura gunnwan, na saa da a ɛreba no wɔde ogya bɛto mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Ɛrenka ntin anaa dubaa mma wɔn.

2Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu.

3Na mubetiatia atirimɔdenfo so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo anan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

4“Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa.

5“Mɛsoma Odiyifo Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.

6Ɔbɛdan agyanom koma akɔ wɔn mma so na wadan mma nso koma akɔ agyanom so, anyɛ saa a mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help