Kwadwom Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuKwadwom Nhoma yi yɛ anwensɛm anum bi a wɔaboaboa ano. Wɔde kae sɛnea wɔsɛee Yerusalem, bubu guu fam, ne kurow no mufo awerɛhow a wodii, atoyerɛnkyɛm ne ɔhaw a wohuu wɔ wɔn amannɔne nkoasom mu no ho.Wɔfrɛ Yeremia “Odiyifo Osuii.” Ne su no fi ne koma mu awerɛhowdi bebrebe mu. Na Yeremia nim asɛm a ɛbɛba ne man Yuda ne Yerusalem a ɛyɛ Onyankopɔn ahenkurow no so. Enti wansu ne ho anaa nʼamanehunu ho. Osui, efisɛ ne manfo no poo Onyankopɔn na ohuu atemmu ne ɔsɛe a ɛreba wɔn so no.Nhoma yi ma yehu sɛ Onyankopɔn mu gyidi ne anidaso wɔ hɔ daakye.Emu NsɛmYeremia su Yerusalem (1.1-22)Onyankopɔn abufuw a etia bɔne (2.1-22)Amanehunu mu anidaso (3.1-66)Yerusalem sɛe (4.1-22)Yeremia odima mpaebɔ (5.1-22)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help