Hiob 28 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1“Beae a wotu dwetɛ wɔ hɔ

ne beae a wɔnan sika kɔkɔɔ.

2Wotu dade fi fam,

na wɔnan kɔbere fi dadebo mu.

3Onipa ma sum ba awiei;

na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu

kɔhwehwɛ dadebo wɔ sum kabii mu.

4Wɔde fagudetu afiri hyɛ beae a ɛmmɛn ɔdesani atenae,

mmeae a nnipa anan nsii hɔ da,

baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na wodi aforosian.

5Asase a ɛbɔ aduan no,

wɔdan ase no te sɛ nea wɔde ogya na ayɛ;

6hoabo fi nʼabotan mu

na sikakɔkɔɔ mpɔw nso wɔ ne mfutuma mu.

7Ɔkɔre biara nnim saa kwan a ahintaw no,

akoroma biara ani nhuu ɛ.

8Mmoa ahantanfo nsi hɔ

na gyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.

9Onipa nsa paapae abotan dennen

na ɔma mmepɔw ase da hɔ.

10Otwa aka fa abotan mu,

na ohu nʼademude nyinaa.

11Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔnten ti wɔ

na ɔda nneɛma a ahintaw adi.

12“Nanso ɛhe na yebehu nea nyansa hyɛ?

Ɛhe na ntease te?

13Onipa renhu ne bo a ɛsom;

wɔrenhu wɔ ateasefo asase so.

14Na ebun ka se, ‘Enni me mu’;

na po nso se, ‘Enni me nkyɛn.’

15Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ,

na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo.

16Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ

apopobibiribo anaa hoabo nso saa ara.

17Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,

na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa.

18Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din;

nyansa bo sen nhene pa.

19Etiopia akraatebo ne no nsɛ;

wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ.

20“Ɛno de, na ɛhe na nyansa fi?

Ɛhe na ntease te?

21Wɔde asie abɔde biara ani,

wɔde asie wim nnomaa mpo.

22Ɔsɛe ne Owu ka se,

‘Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.’

23Onyankopɔn te ɔkwan a ɛkɔ hɔ ase,

na ɔno nko ara na onim faako a ɛte,

24efisɛ ɔhwɛ kodu nsase ano

na ohu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.

25Bere a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ

na osusuw nsuwa no,

26bere a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ

na otwaa kwan maa aprannaa no,

27afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛe;

na ogyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛe.

28Na ɔka kyerɛɛ onipa se,

‘Awurade suro, ɛno ne nyansa;

na sɛ wokyi bɔne, yɛ ntease.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help