Nnwom 121 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 121Ɔsoroforo dwom.

1Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,

ɛhe na me mmoa fi bɛba?

2Me mmoa fi Awurade,

ɔsoro ne asase yɛfo no.

3Ɔremma wo nan nwatiri,

nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

4Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no

rentɔ nko na ɔrenna.

5 Awurade hwɛ wo so;

Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;

6Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,

na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.

7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8 Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so

mprempren ne daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help