2 Ahemfo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Nhyɛnmu2 Ahemfo Nhoma a ɛto so abien yɛ Ahemfo Nhoma a edi kan ntoaso a ɛka Israelman ne Yudaman ahemfo ho nsɛm kosi bere a wɔbɛfaa Yudaman no nnommum kɔɔ Babilonia. Nhoma no yɛ mfirihyia ɔha aduasa (130) mu abakɔsɛm a saa bere no mu no, Atifi Ahemman a ɛyɛ Israel nyaa ahemfo dumien. Anafo Ahemman a ɛyɛ Yuda no nso, ahemfo dunsia na wodii so. Asiriahene Samanesta bedii Israel so nkonim de wɔn kɔɔ nkoasom mu afe ahanson aduonu abien (722) ansa na wɔrebɛwo Kristo. Yudaman nso, Babiloniahene Nebukadnessar bedii wɔn so, sɛee Yerusalem de wɔn kɔɔ nkoasom mu afe ahannum aduɔwɔtwe asia (586) ansa na wɔrebɛwo Kristo. Ahemfo abien a wɔda nsow wɔ ahemfo no nyinaa mu ne Hesekia ne Yosia a wɔyɛɛ osetie maa Onyankopɔn.Nhoma yi bɔ adiyifo a wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ ɔmanfo no ne wɔn ntuanofo din. Odiyifo a odi mu akoten ne Elisa a odii Odiyifo Elia ade.Emu NsɛmAhemman A Wɔkyekyɛ Mu (1.1–17.41)Ahemman A Ɛte Ase (18.1–25.30)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help