Nnwom 125 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 125Ɔsoroforo dwom.

1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion,

a ɛnwosow na etim hɔ daa no.

2Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,

saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia

mprempren ne daa.

3Amumɔyɛfo ahempema renka asase a

wɔde ama atreneefo no so,

sɛ ɛba saa a, atreneefo

nam wɔn so bɛyɛ bɔne.

4 Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,

wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.

5Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de,

Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu.

Asomdwoe nka Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help