Mmebusɛm 17 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1Aduan sakoo a asomdwoe wɔ ho

ye sen ofi a aponto ahyɛ no ma nanso basabasayɛ wɔ mu.

2Ɔsomfo nyansafo bedi ɔba nimguasefo so,

na obenya ne kyɛfa wɔ agyapade no mu sɛ anuanom no mu baako.

3Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ

nanso Awurade na ɔsɔ koma hwɛ.

4Omumɔyɛfo tie nsusuwii bɔne;

ɔtorofo yɛ aso ma adwene bɔne tɛkrɛma.

5Nea odi ahiafo ho fɛw no bu wɔn Yɛfo animtiaa;

na nea ɔfoa amanehunu so no benya asotwe.

6Nananom yɛ mmasiriwa anuonyam,

na awofo yɛ wɔn mma ahohoahoa.

7Anotew nye mma ɔkwasea,

saa ara na ano a edi atoro mfata ɔhene.

8Nea ɔma adanmude no hu sɛ ɛyɛ suman;

osusuw sɛ nkonimdi bɛba bere biara.

9Nea obu nʼani gu mfomso so no ma ɔdɔ kwan,

na nea ɔkɔ so bɔ so no tetew nnamfonom ntam.

10Animka sɔ onipa a ɔwɔ nhumu ani

sen mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.

11Onipa bɔnefo ani wɔ atuatew nko ara so

na wɔbɛsoma odwumayɛni tirimuɔdenfo akɔ no so.

12Eye sɛ wubehyia sisi a wɔawia ne mma

sen ɔkwasea a ɔregyimi.

13Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,

bɔne rempa ne fi da.

14Ntɔkwaw mfiase te sɛ nea wɔretue suka;

enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.

15Sɛ wobegyaa nea odi fɔ ne sɛ wobebu nea odi bem kumfɔ no,

Awurade kyi nʼabien no nyinaa.

16Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam so nni mfaso,

efisɛ onni botae biara sɛ obehu nyansa.

17Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu,

wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.

18Obi a onni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu

nam so de si awowa ma ne yɔnko.

19Nea ɔpɛ ntɔkwaw no dɔ bɔne;

nea osi ɔpon tenten no frɛfrɛ ɔsɛe.

20Onipa a ɔwɔ porɔwee koma no nnya nkɔso;

nea ɔwɔ nnaadaa tɛkrɛma no tɔ amane mu.

21Nea ɔwo ɔbakwasea no di awerɛhow,

ɔbakwasea agya nni anigye.

22Koma mu anigye yɛ aduru, ɛsa ɔyare,

nanso honhom a abotow no yoyow nnompe.

23Omumɔyɛfo gye adanmude wɔ sum ase

de kyea atɛntrenee.

24Onipa a ɔwɔ nhumu no ani kɔ nyansa so,

na ɔkwasea toto nʼani kosi asase ano.

25Ɔbakwasea hyɛ nʼagya awerɛhow,

na ɔma nea onyinsɛn no no di yaw.

26Enye sɛ wɔtwe nea odi bem aso,

anaasɛ wotwa adwumayɛfo mmaa wɔ wɔn nokwaredi nti.

27Onimdefo dwene nʼanom kasa ho,

na nea ɔwɔ nhumu no wɔ abodwo.

28Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wobu no sɛ onyansafo,

na sɛ omua nʼano a wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help