1 Yohane Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuƆsomafo Yohane a na ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no na ɔkyerɛw Yohane asɛmpa, Yohane nhoma a edi kan, nea ɛto so abien, nea ɛto so abiɛsa no ne Adiyisɛm. Saa bere no na akyerɛkyerɛfo bɔne ne nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne Kristosom bɔ abira wɔ hɔ. Ɛno nti, Yohane kyerɛw krataa a edi kan yi de kɔhyɛɛ Kristofo den sɛ wonnni saa akyerɛkyerɛfo bɔne no akyi, na mmom ɛsɛ sɛ wohu sɛ Onyankopɔn yɛ Hann, Nkwa ne Ɔdɔ; ɛno nti, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔbra a ɛyɛ hann nko ara. Afei, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔbra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwa a enni awiei wɔ Kristo Yesu mu na daa wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho. Nokwasɛm, saa ɔdɔ yi na Yohane sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ obiara dɔ ne yɔnko a ɛnam so ma wɔtoo ne din “Ɔdɔ Somafo” no.Emu NsɛmNhyɛnmu (1.1-4)Hann asetena (1.5–2.29)Ɔdɔ asetena (3.1–4.21)Gyidi asetena (5.1-12)Asɛnka a etwa to (5.13-21)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help