Hiob 32 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Elihu Adwenkyerɛ

1Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so.

2Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem.

3Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ.

4Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no.

5Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree.

6Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se,

“Meyɛ abofra,

na moyɛ mpanyimfo;

ɛno nti na misuroo sɛ

mɛka nea minim akyerɛ mo.

7Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa;

ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi kyerɛ nyansa.’

8Nanso honhom a ɛte onipa mu,

Otumfo no home no na ɛma ntease.

9Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo,

ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afi nko na wɔte nea eye ase.

10“Enti mise: Muntie me;

me nso mɛka mʼadwene.

11Metwɛn wɔ bere a na morekasa,

mitiee mo adwenkyerɛ;

bere a na munhu nea monka no,

12meyɛɛ aso maa mo pa ara,

nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso;

mo mu biara anyi ne nsɛm no ano.

13Monnka se, ‘Yɛahu nyansa;

momma Onyankopɔn mmɔ nʼasɛm no ngu, na ɛnyɛ onipa.’

14Nanso Hiob nkasa ntia me,

na merennyina mo adwenkyerɛ so mmua no.

15“Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio;

wɔn nsɛm asa.

16So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi,

saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no?

17Me nso mɛka bi

me nso mɛka mʼadwene.

18Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma,

na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;

19Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu

te sɛ nsa kotoku foforo a ɛrebɛpae.

20Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me;

ɛsɛ sɛ mibue mʼano na mema mmuae.

21Merenyɛ nhwɛanim

na merennɛfɛdɛfɛ obiara;

22na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a,

anka me Yɛfo beyi me afi hɔ ntɛm so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help