Nnwom 76 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 76Asaf dwom.

1Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda;

ne din so wɔ Israel.

2Ne ntamadan si Salem,

ne tenabea wɔ Sion.

3Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya,

nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu.

4Wo ho hann no hyerɛn,

na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no.

5Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,

wɔadeda awufo nna;

na akofo no mu baako mpo

ntumi mma ne nsa so.

6Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no

apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.

7Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo.

Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim?

8Wubuu atɛn fii ɔsoro,

asase suroe, na ɛyɛɛ komm,

9bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn,

de gyee amanehunufo wɔ asase no so no.

10Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo,

na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.

11Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so;

momma nsase a atwa ne ho ahyia

mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.

12Ɔbrɛ sodifonom honhom ase;

na asase so ahemfo suro no.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help