Nnwom 82 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 82Asaf dwom.

1Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu;

obu atɛn wɔ “anyame” mu.

2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban

na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?

3Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn;

mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

4Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo;

munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.

5“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase.

Wokyinkyin wɔ sum mu;

na asase fapem nyinaa wosow.

6“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;”

mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’

7Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ;

na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”

8Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn;

efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help