Nnwom 86 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 86Dawid mpaebɔ.

1 Awurade, tie me na gye me so,

efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.

2Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo.

Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a

ɔde ne ho to wo so.

3 Awurade, hu me mmɔbɔ,

na misu frɛ wo daa nyinaa.

4Ma wʼakoa ani nnye,

na wo Awurade, wo nkyɛn

na mema me kra so ba.

5 Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ,

wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.

6 Awurade, tie me mpaebɔ;

tie me mmɔborɔsu.

7Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,

na wubegye me so.

8 Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;

na wɔn nnwuma biara nto wo de.

9 Awurade, aman a woakyekyere nyinaa

bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;

wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.

10Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma;

wo nko ara ne Onyankopɔn.

11 Awurade, kyerɛ me wʼakwan,

na mɛnantew wo nokware mu;

ma memfa me koma nyinaa mma wo

na masuro wo din.

12Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn

na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.

13Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so;

woayi me afi owu amoa mu tɔnn.

14Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so;

basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me,

nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.

15Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn,

wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.

16Dan wʼani hwɛ me na dom me;

fa wʼahoɔden ma wʼakoa

na gye wʼafenaa babarima nkwa.

17Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne,

na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase

na wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help