Nnwom 135 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 135

1Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade din;

monkamfo no, mo Awurade asomfo,

2mo a mosom wɔ Awurade fi,

wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.

3Monkamfo Awurade efisɛ oye;

monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.

4 Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de,

wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.

5Minim sɛ Awurade so;

Ɔso sen anyame nyinaa.

6 Awurade yɛ nea ɔpɛ biara

wɔ ɔsoro ne asase so,

po ne mu bun nyinaa.

7Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba;

ɔsoma anyinam ka osu ho

na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.

8Okum Misraim mmakan,

nnipa ne mmoa mmakan.

9Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim,

de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.

10Ɔsɛee amanaman pii,

na okunkum ahemfo akɛse,

11Amorifo hene, Sihon

Basan hene, Og

ne Kanaan ahemfo nyinaa,

12na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade

ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.

13 Awurade, wo din wɔ hɔ daa.

Awurade wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu.

14 Awurade bedi ama ne nkurɔfo

na obehu nʼasomfo mmɔbɔ.

15Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

a wɔde onipa nsa na ayɛ.

16Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa,

wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;

17wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,

na ɔhome nso nni wɔn anom.

18Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,

saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

19Monkamfo Awurade, mo Israelfo nyinaa;

monkamfo Awurade, Aaron fi;

20monkamfo Awurade, Lewi fi;

monkamfo Awurade, mo a musuro no.

21Mumfi Sion nkamfo Awurade,

monkamfo nea ɔte Yerusalem no.

Monkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help